Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa?Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu?

ASCB: 3ASCB

Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.

ASCB: 4ASCB

Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den;woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den.

ASCB: 5ASCB

Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;aba wo so, na wo ho adwiri wo.

ASCB: 6ASCB

Wo nyamesuro mma wo ahotosoɔ anaa,na wʼakwan a ɛho nni asɛm mma wo anidasoɔ anaa?

ASCB: 7ASCB

“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn anaa?Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?

ASCB: 8ASCB

Sɛdeɛ mahunu no, wɔn a wɔfɛntɛm bɔnene wɔn a wɔdua ɔhaw no, wɔtwa so aba.

ASCB: 9ASCB

Sɛ Onyankopɔn home a, wɔsɛe;nʼabufuo ma wɔyera.

ASCB: 10ASCB

Agyata bɛtumi abobom na wɔapɔ so,nanso wɔbɛbubu gyata akɛseɛ no se.

ASCB: 11ASCB

Gyata annya haboa a ɔwu,na gyatabereɛ mma no bɔ hwete.

ASCB: 12ASCB

“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ mena mʼaso tee no sɛ asomusɛm.

ASCB: 13ASCB

Wɔ anadwo daeɛso basabasa mu,ɛberɛ a nnipa adeda nnahɔɔ no,

ASCB: 14ASCB

ehu ne nketenkete kyeree me.Ɛmaa me nnompe nyinaa wosoeɛ.

ASCB: 15ASCB

Honhom bi twaa mʼani so,na me ho nwi sɔre gyinaeɛ.

ASCB: 16ASCB

Ɛgyinaeɛ,nanso, manhunu nʼabɔsuo.Biribi bɛgyinaa mʼanim,na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa sɛ,

ASCB: 17ASCB

‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn?Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa?

ASCB: 18ASCB

Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfoɔ so,na sɛ ɔka nʼabɔfoɔ mpo anim a,

ASCB: 19ASCB

hwan ne onipa a wɔde dɔteɛ anwene no,a ne fapem sisi mfuturo muna wɔdwerɛ no ntɛm so sene abubummabaa?

ASCB: 20ASCB

Ɛfiri anɔpahema kɔsi anwummerɛ wɔbubu wɔn mu nketenkete;na wɔyera korakora a obiara nhunu wɔn bio.

ASCB: 21ASCB

Wɔtete wɔn ntomadan nhoma mu,ɛno enti wɔwuwu a wɔnnim.’