Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 38

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 38 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Hwan ne deɛ ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mukatakata mʼafotuo so?

ASCB: 3ASCB

Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;mɛbisa wo nsɛm,na wobɛyi mʼano.

ASCB: 4ASCB

“Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he?Sɛ wonim a, ka ɛ.

ASCB: 5ASCB

Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim!Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani?

ASCB: 6ASCB

Ɛdeɛn so na ɛgyina,anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no,

ASCB: 7ASCB

ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no?

ASCB: 8ASCB

“Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi,ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu,

ASCB: 9ASCB

ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛna mede esum kabii kyekyeree noɔ,

ASCB: 10ASCB

ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔna mesisii nʼapono ne nʼadaban,

ASCB: 11ASCB

ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha;ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’?

ASCB: 12ASCB

“Woahyɛ mmara ama adekyeeɛ da?Anaa woakyerɛ no nʼafa,

ASCB: 13ASCB

sɛ ɛnkɔka asase anona ɛntu amumuyɛfoɔ mfiri so?

ASCB: 14ASCB

Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase;na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ.

ASCB: 15ASCB

Wɔde amumuyɛfoɔ hann akame wɔn,na wɔn abasa a wɔapagya no mu abu.

ASCB: 16ASCB

“Woapɛɛpɛɛ mu ahunu nsutire a ɛpo firi mu baanaa woanante ne bunu mu?

ASCB: 17ASCB

Wɔde owuo apono akyerɛ wo?Woahunu owuo sunsumma apono anaa?

ASCB: 18ASCB

Woate ewiase a ɛda hɔ hahanaa no ase anaa?Sɛ wonim yeinom nyinaa a, ka kyerɛ me.

ASCB: 19ASCB

“Ɛhe na hann firi ba?Na ɛhe na esum nso kɔ?

ASCB: 20ASCB

Wobɛtumi de wɔn akɔ wɔn siberɛ?Wonim akwan a ɛkɔ wɔn atenaeɛ?

ASCB: 21ASCB

Ampa ara wonim, ɛfiri sɛ na woawo wo dada.Woanyini yie!

ASCB: 22ASCB

“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da,anaa woahunu asukɔtweaa adekoradan

ASCB: 23ASCB

a makora so ama ahohiahia berɛ,ɔsa ne akodie nna?

ASCB: 24ASCB

Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba,anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so?

ASCB: 25ASCB

Hwan na ɔtwaa ɛka maa osubransam,ne ɛkwan maa aprannaa mmobom,

ASCB: 26ASCB

sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte soɔ so,anweatam a obiara nni soɔ,

ASCB: 27ASCB

na ama asase bonini a ɛyɛ wesee yi afɔna ɛserɛ afifiri so?

ASCB: 28ASCB

Osutɔ wɔ agya anaa?Hwan na ɔyɛ agya ma obosuo?

ASCB: 29ASCB

Hwan yafunu mu na nsukyeneeɛ fire?Hwan na ɔwoo nsukyeneeɛ mporoporowa firi soro

ASCB: 30ASCB

ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ,na ebunu ani kyene?

ASCB: 31ASCB

“Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma?Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa?

ASCB: 32ASCB

Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ muanaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ?

ASCB: 33ASCB

Wonim mmara a ɛfa ewiem ho?Wobɛtumi de Onyankopɔn ahennie aba asase so?

ASCB: 34ASCB

“Wobɛtumi ama wo nne aduru omununkum sona wode nsuo akata wo ho anaa?

ASCB: 35ASCB

Wobɛtumi ama anyinam atwa?Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnnie anaa’?

ASCB: 36ASCB

Hwan na ɔde nyansa ma akomaanaasɛ ɔde nteaseɛ hyɛ adwene mu.

ASCB: 37ASCB

Hwan na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum?Hwan na ɔbɛtumi akyea ɔsoro nsuo nkotokuo,

ASCB: 38ASCB

ɛberɛ a mfuturo ayɛ denama dɔteɛ atɔatɔ keka bɔ mu.

ASCB: 39ASCB

“Wokɔ ahayɔ ma gyatabereɛma agyata didi mee

ASCB: 40ASCB

ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn abɔn anoanaasɛ wɔtetɛ nnɔtɔ ase?

ASCB: 41ASCB

Hwan na ɔma anene aduaneɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔnna wɔkyinkyini pɛ aduane?