Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 39

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 39 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ?Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?

ASCB: 2ASCB

Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn?Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?

ASCB: 3ASCB

Wɔkoto wowo wɔn mma;na wɔn awokoɔ yea to twa.

ASCB: 4ASCB

Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram;na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.

ASCB: 5ASCB

“Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die?Hwan na ɔsanee ne nhoma?

ASCB: 6ASCB

Mede asase bonini maa no sɛ ne fie,ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ.

ASCB: 7ASCB

Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no;na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.

ASCB: 8ASCB

Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea;ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.

ASCB: 9ASCB

“Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa?Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?

ASCB: 10ASCB

Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so?Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?

ASCB: 11ASCB

Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti?Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?

ASCB: 12ASCB

Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛbana waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?

ASCB: 13ASCB

“Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so,nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.

ASCB: 14ASCB

Ɔto ne nkosua gu asase soma mfuturo ka no hye,

ASCB: 15ASCB

ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no,sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so.

ASCB: 16ASCB

Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea;ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa,

ASCB: 17ASCB

ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa,wamma no nhunumu biara.

ASCB: 18ASCB

Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a,ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.

ASCB: 19ASCB

“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔdenanaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?

ASCB: 20ASCB

Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ,na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?

ASCB: 21ASCB

Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

ASCB: 22ASCB

Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;ɔhunu akofena a ɔnnwane.

ASCB: 23ASCB

Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu,na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.

ASCB: 24ASCB

Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam;na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.

ASCB: 25ASCB

Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri,ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.

ASCB: 26ASCB

“Wo nyansa na ɛma akorɔma tuona ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?

ASCB: 27ASCB

Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosorokɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ?

ASCB: 28ASCB

Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda;ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden.

ASCB: 29ASCB

Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane;nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.

ASCB: 30ASCB

Mogya yɛ ne mma aduane,na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”