Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 37

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 37 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Yei ma mʼakoma bɔ pariparina ɛbɔ denden pa ara.

ASCB: 2ASCB

Tie! Tie ne nne mmobom,ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.

ASCB: 3ASCB

Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaana ɔma ɛkɔduru asase ano.

ASCB: 4ASCB

Ɛno akyi na ne mmobom no ba;ɔde nne kɛseɛ bobom.Sɛ ɔkasa a,biribiara nsianka no.

ASCB: 5ASCB

Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa;ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.

ASCB: 6ASCB

Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’

ASCB: 7ASCB

Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti,ɔma obiara gyae nʼadwuma.

ASCB: 8ASCB

Wiram mmoa kɔtetɛ;wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.

ASCB: 9ASCB

Ahum tu firi ne pia mu,na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.

ASCB: 10ASCB

Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,na nsuo hahanaa no kyene.

ASCB: 11ASCB

Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;na ɔtwa nʼanyinam fa mu.

ASCB: 12ASCB

Ɔhyɛ ma wɔkyinkyinifa asase so nyinaa so hyiayɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara.

ASCB: 13ASCB

Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.

ASCB: 14ASCB

“Tie yei, Hiob;gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.

ASCB: 15ASCB

Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum,na ɔma anyinam tete firi mu?

ASCB: 16ASCB

Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem,deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?

ASCB: 17ASCB

Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ muɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no,

ASCB: 18ASCB

wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem,a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?

ASCB: 19ASCB

“Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti.

ASCB: 20ASCB

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa?

ASCB: 21ASCB

Obiara rentumi nhwɛ owia,sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiemɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.

ASCB: 22ASCB

Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu;Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu.

ASCB: 23ASCB

Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ;nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.

ASCB: 24ASCB

Ɛno enti nnipa de anidie ma no,na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.”