Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 36

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 36 Bible text

ASCB: 1ASCB

Elihu toaa ne kasa so sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛaka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.

ASCB: 3ASCB

Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri;mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.

ASCB: 4ASCB

Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo;na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.

ASCB: 5ASCB

“Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.

ASCB: 6ASCB

Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.

ASCB: 7ASCB

Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.Ɔma wɔne ahemfo di adeɛna ɔma wɔn so afebɔɔ.

ASCB: 8ASCB

Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipana amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,

ASCB: 9ASCB

ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔnsɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

ASCB: 10ASCB

Ɔma wɔtie ntenesoɔna ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.

ASCB: 11ASCB

Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no muna wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

ASCB: 12ASCB

Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano,na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.

ASCB: 13ASCB

“Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.

ASCB: 14ASCB

Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.

ASCB: 15ASCB

Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.

ASCB: 16ASCB

“Ɔregye wo afiri ahohiahia mude wo akɔ petee mu a ahokyere nnie,deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.

ASCB: 17ASCB

Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.

ASCB: 18ASCB

Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.

ASCB: 19ASCB

Wʼahonya anaasɛ mpowʼahohaw bebrebe nyinaa enti,worenkɔ amanehunu mu anaa?

ASCB: 20ASCB

Mpere anadwo ho,sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.

ASCB: 21ASCB

Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho,deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu.

ASCB: 22ASCB

“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu.Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?

ASCB: 23ASCB

Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama noanaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’

ASCB: 24ASCB

Kae na kamfo nʼadwuma annipa de nnwontoɔ akamfo no.

ASCB: 25ASCB

Adasamma nyinaa ahunu;nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.

ASCB: 26ASCB

Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so!Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.

ASCB: 27ASCB

“Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ,ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;

ASCB: 28ASCB

na omununkum tɔ bosuo gu famna osutɔ bebree gu adasamma so.

ASCB: 29ASCB

Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase,sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?

ASCB: 30ASCB

Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne homa ɛkɔ ɛpo bunu mu.

ASCB: 31ASCB

Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no sona ɔma aduane bu wɔn so.

ASCB: 32ASCB

Ɔde anyinam hyɛ ne nsam mana ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ.

ASCB: 33ASCB

Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ;na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba.