Scripture
Hiob Nwoma 33
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 33 Bible text
“Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ,ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani.
Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,ɛberɛ a nna afa nnipana wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ,ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateamna Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ,‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene,nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.