Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 34

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 34 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei Elihu kaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm;mo animdefoɔ monyɛ aso mma me.

ASCB: 3ASCB

Ɛfiri sɛ aso sɔ nsɛm hwɛsɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no.

ASCB: 4ASCB

Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn.Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ.

ASCB: 5ASCB

“Hiob kaa sɛ, ‘Me ho nni asɛm,nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea.

ASCB: 6ASCB

Ɛwom sɛ mʼasɛm da ɛkwan mu,nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ;ɛwom sɛ menyɛɛ bɔne biara,nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.’

ASCB: 7ASCB

Onipa bɛn na ɔte sɛ Hioba ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?

ASCB: 8ASCB

Ɔne amumuyɛfoɔ nante;na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ.

ASCB: 9ASCB

Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani aɔnnya ho mfasoɔ biara.’

ASCB: 10ASCB

“Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me.Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ.

ASCB: 11ASCB

Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka;deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.

ASCB: 12ASCB

Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn,na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ.

ASCB: 13ASCB

Hwan na ɔde no sii asase so?Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?

ASCB: 14ASCB

Sɛ ɛyɛɛ ne pɛna ɔyii ne Honhom ne nʼahome a,

ASCB: 15ASCB

anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.

ASCB: 16ASCB

“Sɛ mowɔ nhunumu a, montie yei;montie deɛ meka.

ASCB: 17ASCB

Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so?Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no fɔ anaa?

ASCB: 18ASCB

Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo sɛ, ‘Mo ho nni mfasoɔ,’na ɔka kyerɛɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ atirimuɔdenfoɔ’?

ASCB: 19ASCB

Ɔnhwɛ mmapɔmma animna ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu,ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.

ASCB: 20ASCB

Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, wɔ anadwo dasuo mu;nnipa no ho woso na wɔsene kɔ;ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa.

ASCB: 21ASCB

“Nʼani hwɛ nnipa akwan;na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara.

ASCB: 22ASCB

Baabiara nni hɔ a aduru sum, esum kabii,a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta.

ASCB: 23ASCB

Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo.

ASCB: 24ASCB

Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu.

ASCB: 25ASCB

Ɛfiri sɛ ɔhunu wɔn nneyɛeɛ,ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn.

ASCB: 26ASCB

Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so kawɔ baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn,

ASCB: 27ASCB

ɛfiri sɛ, wɔmane firii nʼakyi kɔeɛna wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.

ASCB: 28ASCB

Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanimna ɛma ɔtee mmɔborɔni su.

ASCB: 29ASCB

Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ?Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no?Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,

ASCB: 30ASCB

ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene,sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie.

ASCB: 31ASCB

“Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ,‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.

ASCB: 32ASCB

Kyerɛ me na menhunu;na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’

ASCB: 33ASCB

Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka,wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa?Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me;enti ka deɛ wonim kyerɛ me.

ASCB: 34ASCB

“Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka,animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ,

ASCB: 35ASCB

‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so;aba biara nni ne kasa mu.’

ASCB: 36ASCB

Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ,ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ!

ASCB: 37ASCB

Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho;ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn sona ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”