Scripture
Hiob Nwoma 32
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 32 Bible text
Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem.
Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ.
Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ,“Meyɛ abɔfra,na moyɛ mpanimfoɔ;ɛno enti na mesuroo sɛmɛka deɛ menim akyerɛ mo.
meyɛɛ aso maa mo pa ara,nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.