Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 31

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 31 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛmeremfiri akɔnnɔ mu nhwɛ ababaawa.

ASCB: 2ASCB

Ɛdeɛn ne onipa kyɛfa a ɛfiri ɔsoro Onyankopɔn nkyɛn?Ɛdeɛn ne nʼagyapadeɛ a ɛfiri ɔsoro Otumfoɔ no nkyɛn?

ASCB: 3ASCB

Ɛnyɛ ɔsɛeɛ mma amumuyɛfoɔ?Ɛnyɛ asiane mma wɔn a wɔyɛ bɔne?

ASCB: 4ASCB

Ɔnhunu mʼakwanna ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa?

ASCB: 5ASCB

“Sɛ manante wɔ nkontompo muanaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,

ASCB: 6ASCB

ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa sona ɔbɛhunu sɛ me ho nni asɛm.

ASCB: 7ASCB

Sɛ mʼanammɔntuo afom ɛkwan,sɛ mʼakoma adi mʼani akyi,anaasɛ me nsa ho agu fi a

ASCB: 8ASCB

ɛnneɛ ma afoforɔ nni deɛ madua,na ma wɔntutu me mfudeɛ ngu.

ASCB: 9ASCB

“Sɛ ɔbaa bi atɔ mʼakoma so,anaasɛ matɛ me yɔnko bi ɛpono akyi a,

ASCB: 10ASCB

ɛnneɛ, me yere nyam ɔbarima foforɔ aduane,na mmarima afoforɔ ne no nna.

ASCB: 11ASCB

Ɛfiri sɛ, anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛmne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.

ASCB: 12ASCB

Ɛyɛ ogya a ɛhye kɔduru ɔsɛeɛ muna ɛbɛtumi atutu mʼagyapadeɛ nyinaa ase.

ASCB: 13ASCB

“Sɛ mabu mʼasomfoɔ mmarima ne mmaa ntɛnkyeaɛberɛ a wɔ ne me nyaa asɛm,

ASCB: 14ASCB

na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ?Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma?

ASCB: 15ASCB

Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu?

ASCB: 16ASCB

“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no?Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu?

ASCB: 17ASCB

Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden amamma nwisiaa bi?

ASCB: 18ASCB

Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ,na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ.

ASCB: 19ASCB

Sɛ mahunu obi a ɔnni aduradeɛ na ɔrebrɛ,anaa ohiani bi a ɔnni atadeɛ,

ASCB: 20ASCB

na sɛ wamfiri akoma mu anhyira mewɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye,

ASCB: 21ASCB

sɛ mama me nsa so atia awisiaa bi,ɛsiane sɛ mewɔ tumi wɔ asɛnniiɛ enti a,

ASCB: 22ASCB

ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri,ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so.

ASCB: 23ASCB

Mesuroo ɔsɛeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn,na nʼanimuonyam ho suro enti mantumi anyɛ saa nneɛma yi.

ASCB: 24ASCB

“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ muanaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’

ASCB: 25ASCB

sɛ masɛpɛ me ho wɔ mʼahodeɛ bebrebe enti,ahodeɛ a me nsa aka yi,

ASCB: 26ASCB

sɛ mahwɛ owia a ɛhyerɛnanaa ɔsrane a ɛnam animuonyam mu,

ASCB: 27ASCB

ama aka mʼakoma a obiara nnimna me nsa yɛɛ wɔn atuu de anidie maa wɔn a,

ASCB: 28ASCB

ɛnneɛ na yeinom nso bɛyɛ bɔne a wɔbu ho atɛn,ɛfiri sɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokorɛ.

ASCB: 29ASCB

“Mʼani nnyee wɔ me ɔtamfoɔ amanehunu hoanaa menseree no wɔ ɔhaw a aba ne so.

ASCB: 30ASCB

Memmaa mʼano nyɛɛ bɔnesɛ mɛdome obi nkwa.

ASCB: 31ASCB

Mʼasomfoɔ a wɔwɔ me fidua mu nkaa da sɛ,‘Ɔma ɛkɔm de yɛn.’

ASCB: 32ASCB

Ɔhɔhoɔ biara anna abɔntene so da,ɛfiri sɛ me ɛpono ano daa hɔ da biara maa akwantufoɔ,

ASCB: 33ASCB

Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛde mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu?

ASCB: 34ASCB

Suro a mesuro nnipadɔmne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no entimeyɛɛ komm a mamfiri adi?

ASCB: 35ASCB

(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me.Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me;ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ.

ASCB: 36ASCB

Ampa ara, anka mede bɛhyɛ mʼabatiri,anka mede bɛhyɛ sɛ ahenkyɛ.

ASCB: 37ASCB

Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no;anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)

ASCB: 38ASCB

“Sɛ mʼasase team tia mena nisuo fɔ nʼakofie nyinaa,

ASCB: 39ASCB

sɛ madi so aba a mentuaa kaanaasɛ mabu ɛso apaafoɔ no abamu a,

ASCB: 40ASCB

ma nkasɛɛ mfifiri nsi ayuo anan muna wira mfu nsi atokoɔ anan mu.”Hiob nsɛm no asi.