Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 30

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 30 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Nanso seesei wɔsere me,nnipa a manyini sene wɔn,na wɔn agyanom mfata sɛwɔne me nnwan ho nkraman tena.

ASCB: 2ASCB

Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?

ASCB: 3ASCB

Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete,wɔnante asase weseene asase bonini so anadwo.

ASCB: 4ASCB

Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.

ASCB: 5ASCB

Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu,na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ.

ASCB: 6ASCB

Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo,abotan ne ɛfam ntokuro mu.

ASCB: 7ASCB

Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiramna wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase.

ASCB: 8ASCB

Ekuo a wɔmfra na wɔnni din,wɔpam wɔn firii asase no so.

ASCB: 9ASCB

“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia;mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu.

ASCB: 10ASCB

Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho;wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.

ASCB: 11ASCB

Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.

ASCB: 12ASCB

Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so;wɔsum me nan mfidie,na wɔsisi apie tia me.

ASCB: 13ASCB

Wɔsisi mʼakwan;na wɔnya me sɛe mena obiara mmoa me.

ASCB: 14ASCB

Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu;wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.

ASCB: 15ASCB

Ahunahuna ma me ho dwiri me;mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu,me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.

ASCB: 16ASCB

“Na seesei, me nkwa resa;na amanehunu nna akyekyere me.

ASCB: 17ASCB

Anadwo wowɔ me nnompe mu;ɔyea a ɛwe me no nnyae.

ASCB: 18ASCB

Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me;ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.

ASCB: 19ASCB

Ɔto me twene atɛkyɛ muna ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ.

ASCB: 20ASCB

“Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me.Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

ASCB: 21ASCB

Woba me so anibereɛ so;wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.

ASCB: 22ASCB

Wohwim me na wode mframa pia me;wodankyidankyi me wɔ ahum mu.

ASCB: 23ASCB

Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu,baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.

ASCB: 24ASCB

“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.

ASCB: 25ASCB

Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa?Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?

ASCB: 26ASCB

Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ;ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.

ASCB: 27ASCB

Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.

ASCB: 28ASCB

Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me;megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa.

ASCB: 29ASCB

Madane nnompo nuabarima,me ne apatuo na ɛbɔ.

ASCB: 30ASCB

Me honam ani abiri na ɛhwanehwane;huraeɛ ama me ho adɔ.

ASCB: 31ASCB

Me sankuo bɔ kwadwom,na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.