Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 29

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 29 Bible text

ASCB: 1ASCB

Hiob toaa so sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Mafe abosome a atwam no,nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,

ASCB: 3ASCB

ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifina mede ne kanea menantee esum mu no!

ASCB: 4ASCB

Ao, ɛnna a mesii soɔ no,ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,

ASCB: 5ASCB

ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me hona me mma atwa me ho ahyia,

ASCB: 6ASCB

ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwanna abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.

ASCB: 7ASCB

“Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono anomekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,

ASCB: 8ASCB

mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛnna mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;

ASCB: 9ASCB

atitire gyae kasana wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

ASCB: 10ASCB

mmapɔmma tɛm dinn,na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.

ASCB: 11ASCB

Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,

ASCB: 12ASCB

ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa,ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.

ASCB: 13ASCB

Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me;na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.

ASCB: 14ASCB

Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ;atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.

ASCB: 15ASCB

Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ,ne ɛnan maa abubuafoɔ.

ASCB: 16ASCB

Meyɛɛ ahiafoɔ agya;na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.

ASCB: 17ASCB

Mebubuu amumuyɛfoɔ sena mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.

ASCB: 18ASCB

“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu,na me nna adɔɔso sɛ anwea.

ASCB: 19ASCB

Me nhini bɛduru nsuo ano,na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

ASCB: 20ASCB

Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so,na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’

ASCB: 21ASCB

“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me,wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.

ASCB: 22ASCB

Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.

ASCB: 23ASCB

Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.

ASCB: 24ASCB

Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn;mʼanimteɛ som bo ma wɔn.

ASCB: 25ASCB

Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene;metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu;meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.