Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 28

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 28 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho.

ASCB: 2ASCB

Wɔtu dadeɛ firi fam,na wɔnane kɔbere firi dadeben mu.

ASCB: 3ASCB

Onipa ma esum ba awieeɛ;na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mukɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu.

ASCB: 4ASCB

Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ,mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛrebaabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane.

ASCB: 5ASCB

Asase a ɛbɔ aduane no,wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ;

ASCB: 6ASCB

aboɔdemmoɔ firi nʼabotan muna sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu.

ASCB: 7ASCB

Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no,akorɔma biara ani nhunuiɛ.

ASCB: 8ASCB

Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔna agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.

ASCB: 9ASCB

Onipa nsa paapae abotan dendenna ɔma mmepɔ ase da hɔ.

ASCB: 10ASCB

Ɔtwa aka fa abotan mu,na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa.

ASCB: 11ASCB

Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔna ɔda nneɛma a ahinta adi.

ASCB: 12ASCB

Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ?Ɛhe na nteaseɛ teɛ?

ASCB: 13ASCB

Onipa renhunu ne bo a ɛsom;wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so.

ASCB: 14ASCB

Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”;na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.”

ASCB: 15ASCB

Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ,na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ.

ASCB: 16ASCB

Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔapopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara.

ASCB: 17ASCB

Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa.

ASCB: 18ASCB

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din;nyansa boɔ sene nhwene pa.

ASCB: 19ASCB

Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ;wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ.

ASCB: 20ASCB

Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie?Ɛhe na nteaseɛ teɛ?

ASCB: 21ASCB

Wɔde asie abɔdeɛ biara ani,wɔde asie ewiem nnomaa mpo.

ASCB: 22ASCB

Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ,“Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.”

ASCB: 23ASCB

Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase,na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ,

ASCB: 24ASCB

ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase anona ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.

ASCB: 25ASCB

Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔna ɔsusuu nsuwa no,

ASCB: 26ASCB

ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔna ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no,

ASCB: 27ASCB

afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ;na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ.

ASCB: 28ASCB

Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,“Awurade suro, ɛno ne nyansa;na sɛ wɔkyiri bɔne a, wowɔ nteaseɛ.”