Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 17

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 17 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me sunsum atɔ piti,me nna so atwa,na damena retwɛn me.

ASCB: 2ASCB

Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia;ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.

ASCB: 3ASCB

“Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ.Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?

ASCB: 4ASCB

Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;enti woremma wɔnni nkonim.

ASCB: 5ASCB

Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a,ne mma ani bɛfira.

ASCB: 6ASCB

“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.

ASCB: 7ASCB

Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoome bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.

ASCB: 8ASCB

Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa.Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.

ASCB: 9ASCB

Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim,na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.

ASCB: 10ASCB

“Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ!Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.

ASCB: 11ASCB

Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam,saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.

ASCB: 12ASCB

Saa nnipa yi ma anadwo dane awia;esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’

ASCB: 13ASCB

Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena,sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu,

ASCB: 14ASCB

sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,

ASCB: 15ASCB

na afei mʼanidasoɔ wɔ he?Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?

ASCB: 16ASCB

Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa?Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?”