Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 16

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 16 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei Hiob buaeɛ sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom;na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!

ASCB: 3ASCB

Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa?Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?

ASCB: 4ASCB

Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo;anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mona mabu mo animtiaa.

ASCB: 5ASCB

Nanso, anka mɛhyɛ mo den;anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.

ASCB: 6ASCB

“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto;na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.

ASCB: 7ASCB

Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ;woasɛe me fie pasaa.

ASCB: 8ASCB

Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie;me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.

ASCB: 9ASCB

Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo muna ɔtwɛre ne se gu me so;deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

ASCB: 10ASCB

Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaana wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

ASCB: 11ASCB

Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.

ASCB: 12ASCB

Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me;ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ.Ɔde me asi nʼani so;

ASCB: 13ASCB

nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia,ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔmaa me bɔnwoma pete guu fam.

ASCB: 14ASCB

Ɔba me so ɛberɛ biara;na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ.

ASCB: 15ASCB

“Mapam ayitoma akata me wedeɛ sona masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.

ASCB: 16ASCB

Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia.

ASCB: 17ASCB

Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biarana me mpaeɛbɔ yɛ kronn.

ASCB: 18ASCB

“Ao asase, nkata me mogya so;na mma wɔnsie me sufrɛ!

ASCB: 19ASCB

Seesei mpo, me danseni wɔ soro;Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ.

ASCB: 20ASCB

Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfoɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi;

ASCB: 21ASCB

ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn animsɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no.

ASCB: 22ASCB

“Mfeɛ kakra bi akyimɛtu kwan akɔ koransane.