Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 18

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 18 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Suhini Bildad buaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.

ASCB: 3ASCB

Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwiena wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?

ASCB: 4ASCB

Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi soanaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?

ASCB: 5ASCB

“Omumuyɛfoɔ kanea adum;na ne ogya nnɛre bio.

ASCB: 6ASCB

Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;kanea a ɛsi ne ho no dum.

ASCB: 7ASCB

Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.

ASCB: 8ASCB

Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.

ASCB: 9ASCB

Afidie sɔ ne nantinna ɛsɔ ne mu denden.

ASCB: 10ASCB

Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;afidie wɔ ne kwan mu.

ASCB: 11ASCB

Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaana ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.

ASCB: 12ASCB

Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

ASCB: 13ASCB

Ɛwewe ne honam ani baabi;na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.

ASCB: 14ASCB

Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ muna wɔde no brɛ ahunahunahene.

ASCB: 15ASCB

Ogya te ne ntomadan mu;na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.

ASCB: 16ASCB

Ne nhini wuwu wɔ aseɛna ne mman nso wu wɔ ɔsoro.

ASCB: 17ASCB

Wɔrenkae no asase so bio;na ɔrennya edin wɔ asase so.

ASCB: 18ASCB

Wɔka no firi hann mu kɔ sum muna wɔpam no firi ewiase.

ASCB: 19ASCB

Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.

ASCB: 20ASCB

Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.

ASCB: 21ASCB

Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”