Scripture
Hiob Nwoma 15
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 15 Bible text
“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼanoanaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?
“Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ,anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?
Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa.Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.
Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.
Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina,na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.
Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho,ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.
Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ,te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.
Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba,na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.