Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 14

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 14 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Onipa a ɔbaa awo no none nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu.

ASCB: 2ASCB

Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam;ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.

ASCB: 3ASCB

Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa?

ASCB: 4ASCB

Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu?Obiara nni hɔ.

ASCB: 5ASCB

Woahyehyɛ onipa nkwa nna;woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔna woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra.

ASCB: 6ASCB

Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ,kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani.

ASCB: 7ASCB

“Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no:Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio,na ne mman foforɔ no rempempan.

ASCB: 8ASCB

Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase muna ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu,

ASCB: 9ASCB

nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ,na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.

ASCB: 10ASCB

Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.

ASCB: 11ASCB

Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no,anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no,

ASCB: 12ASCB

saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔrena wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu.

ASCB: 13ASCB

“Sɛ anka wode me bɛsie damena mude me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam!Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛna afei woakae me!

ASCB: 14ASCB

Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa?Mʼaperedie nna mu nyinaamɛtwɛn akɔsi sɛ me foforɔyɛ bɛba.

ASCB: 15ASCB

Wobɛfrɛ na mɛgye wo so;wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ.

ASCB: 16ASCB

Afei wobɛkan mʼanammɔntuona worenni me bɔne akyi.

ASCB: 17ASCB

Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu,na woakata mʼamumuyɛ so.

ASCB: 18ASCB

“Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwiriena abotan nso twe firi ne siberɛ no,

ASCB: 19ASCB

sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ hona osutɔ brane twe dɔteɛ kɔ nosaa ara na wosɛe onipa anidasoɔ.

ASCB: 20ASCB

Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ;wosakyera ne nipasu na wogya no kwan.

ASCB: 21ASCB

Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim;na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu.

ASCB: 22ASCB

Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛna ɔno ara ne ho na ɔgyam.”