Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 13

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 13 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Mʼani ahunu yeinom nyinaa,mʼaso ate, na ate aseɛ nso.

ASCB: 2ASCB

Deɛ wonim no, me nso menim;wo nsene me.

ASCB: 3ASCB

Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ nona me ne Onyankopɔn toatoa adwene wɔ mʼasɛm ho.

ASCB: 4ASCB

Mode atorɔ mmom na afɔre me ho;mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ!

ASCB: 5ASCB

Sɛ mobɛyɛ komm koraa aɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

ASCB: 6ASCB

Afei montie mʼano asɛm;montie mʼanoyie.

ASCB: 7ASCB

Mobɛka amumuyɛsɛm ama Onyankopɔn anaa?Mobɛka nnaadaasɛm ama no anaa?

ASCB: 8ASCB

Mobɛkyea mo aso ama no?Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no anaa?

ASCB: 9ASCB

Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie anaa?Mobɛtumi adaadaa no sɛdeɛ modaadaa nnipa no anaa?

ASCB: 10ASCB

Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kɔkoam a,sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka mo anim.

ASCB: 11ASCB

Nʼanimuonyam mmɔ mo hu anaa?Ne ho suro nntɔ mo so anaa?

ASCB: 12ASCB

Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbuo a ɛte sɛ nsõ;mo anoyie yɛ dɔteɛ.

ASCB: 13ASCB

“Monyɛ dinn, na menkasa;na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so.

ASCB: 14ASCB

Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ muna mede me nkwa to me nsam?

ASCB: 15ASCB

Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda;ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.

ASCB: 16ASCB

Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

ASCB: 17ASCB

Montie me nsɛm yi yie;monyɛ aso mma deɛ meka.

ASCB: 18ASCB

Afei a masiesie me nkurobɔ yi,menim sɛ mɛdi bem.

ASCB: 19ASCB

Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa?Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu.

ASCB: 20ASCB

“Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me,na afei meremfa me ho nsuma wo:

ASCB: 21ASCB

Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.

ASCB: 22ASCB

Afei samena me na mɛba,anaa ma menkasa na bua me.

ASCB: 23ASCB

Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ?Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne.

ASCB: 24ASCB

Adɛn enti na wode wʼanim asie mena wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ?

ASCB: 25ASCB

Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa?Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa?

ASCB: 26ASCB

Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me,na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.

ASCB: 27ASCB

Wode nkyehoma gu me nan;wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiena wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu.

ASCB: 28ASCB

“Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ,te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.