Scripture
Hiob Nwoma 12
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 12 Bible text
“Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom,mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ.Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm.
Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaasɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa.
Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan,na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔna Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban.
Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi;deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no.
Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam;na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so.