Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 11

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 11 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Naamani Sofar buaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa?Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa?

ASCB: 3ASCB

Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa?Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa?

ASCB: 4ASCB

Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛmna meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’

ASCB: 5ASCB

Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,anka ɔnkasa ntia wo

ASCB: 6ASCB

na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu.Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.

ASCB: 7ASCB

“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa?Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?

ASCB: 8ASCB

Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?

ASCB: 9ASCB

Ne nsusuiɛ mu ware sene asasena ɛtrɛ sene ɛpo.

ASCB: 10ASCB

“Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan muansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?

ASCB: 11ASCB

Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso;na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa?

ASCB: 12ASCB

Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔsɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no.

ASCB: 13ASCB

“Na sɛ wode wʼakoma ma nona wopagya wo nsa kyerɛ no,

ASCB: 14ASCB

sɛ wogyaa bɔne a wokura no muna woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a,

ASCB: 15ASCB

ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre;wobɛgyina pintinn a wonsuro.

ASCB: 16ASCB

Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere,na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ.

ASCB: 17ASCB

Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ,na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann.

ASCB: 18ASCB

Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ;wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu.

ASCB: 19ASCB

Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn.

ASCB: 20ASCB

Amumuyɛfoɔ ani bɛfira,wɔrentumi nnwane;na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.”