Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 9

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 9 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,na mʼaniwa yɛ nisuo abura a,anka mɛsu awia ne anadwoama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no.

ASCB: 2ASCB

Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛwɔ anweatam no so a,anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔna mafiri wɔn nkyɛn;ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,nnipa kuo a wɔnni nokorɛ.

ASCB: 3ASCB

“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛmate sɛ agyan de di atorɔ;Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnamdi yie wɔ asase yi so.Wɔyɛ bɔne toatoa so;na wɔnnye me nto mu,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 4ASCB

“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;monnnye mo nuammarima mpo nni.Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ,na adamfo biara yɛ osekuni.

ASCB: 5ASCB

Adamfo daadaa adamfo,na wɔn mu biara nka nokorɛ.Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu,na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho.

ASCB: 6ASCB

Wote nnaadaa mfimfini;na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 7ASCB

Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ,“Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ,na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti?

ASCB: 8ASCB

Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;ɛka nnaadaasɛm.Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko,nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.

ASCB: 9ASCB

Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”Sei na Awurade seɛ.“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔɔman a ɛte sei so awere anaa?”

ASCB: 10ASCB

Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho.Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,na wɔnte anantwie su wɔ hɔ.Ewiem nnomaa no atutu kɔna mmoa no nso adwane kɔ.

ASCB: 11ASCB

“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,sakraman atuo;na mɛma Yuda nkuro ada mpansɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.”

ASCB: 12ASCB

Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?

ASCB: 13ASCB

Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.

ASCB: 14ASCB

Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”

ASCB: 15ASCB

Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.

ASCB: 16ASCB

Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”

ASCB: 17ASCB

Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara.

ASCB: 18ASCB

Ma wɔmmra ntɛmmmesu ngu yɛn sokɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuona nisuo adware yɛn.

ASCB: 19ASCB

Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,‘Wɔasɛe yɛn!Yɛn anim agu ase yie!Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase soɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”

ASCB: 20ASCB

Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.

ASCB: 21ASCB

Owuo aforo afa yɛn mpomma muahyɛne yɛn aban mu;apamo mmɔfra afiri mmɔntene sone mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.

ASCB: 22ASCB

Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔte sɛ sumina a ɛgugu petee mu,te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyia obiara mmoaboaa ano.’ ”

ASCB: 23ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne hoanaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne hoanaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

ASCB: 24ASCB

Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 25ASCB

“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:

ASCB: 26ASCB

Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”