Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ.

ASCB: 2ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monnsua amanaman no akwanna momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu.Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu

ASCB: 3ASCB

nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee;wɔtwa dua firi kwaeɛm,na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene.

ASCB: 4ASCB

Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔsɛdeɛ ɛrenhwe fam.

ASCB: 5ASCB

Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu,wɔn ahoni no ntumi nkasa;ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔnɛfiri sɛ wɔntumi nnante.Monnsuro wɔn;wɔrentumi nha mona wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”

ASCB: 6ASCB

Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade;woyɛ kɛseɛna wo din wɔ tumi.

ASCB: 7ASCB

Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni,Ao, amansanhene?Yei na ɛfata woɔ.Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mune wɔn ahennie nyinaa mu,obiara ne wo nsɛ.

ASCB: 8ASCB

Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ;dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.

ASCB: 9ASCB

Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis bane sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba.Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛa wɔde ntoma bibire ne beredum afira no.Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.

ASCB: 10ASCB

Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no;ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no.Sɛ ne bo fu a, asase woso;na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.

ASCB: 11ASCB

“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”

ASCB: 12ASCB

Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa muna ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

ASCB: 13ASCB

Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho bana ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.

ASCB: 14ASCB

Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.

ASCB: 15ASCB

Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

ASCB: 16ASCB

Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,Asafo Awurade ne ne din.

ASCB: 17ASCB

Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,mo a motete nkuro a wɔatua mu.

ASCB: 18ASCB

Na yei ne deɛ Awurade seɛ:“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn awɔtete asase yi so atwene;mede amanehunu bɛba wɔn sosɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.”

ASCB: 19ASCB

Me pira yi enti mennue;mʼapirakuro yɛ koankorɔ!Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”

ASCB: 20ASCB

Wɔasɛe me ntomadan;wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu.Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio;anka obiara a ɔbɛsi me ntomadananaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.

ASCB: 21ASCB

Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan;ɛno enti ɛnsi wɔn yiena wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.

ASCB: 22ASCB

Montie! Amaneɛ no reba,basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,na ayɛ sakraman atuo.

ASCB: 23ASCB

Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea;na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.

ASCB: 24ASCB

Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu,mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼasoanyɛ saa a, mɛwu.

ASCB: 25ASCB

Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanamana wɔnnye wo ntom no so,nnipa a wɔmmɔ wo din no so.Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakobwɔasɛe no koraana wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.