Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

“ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu.

ASCB: 2ASCB

Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.

ASCB: 3ASCB

Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’

ASCB: 4ASCB

“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?

ASCB: 5ASCB

Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?Wɔkura nnaadaa mu pintinn;na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.

ASCB: 6ASCB

Mawɛn maso matie,nanso wɔnnka deɛ ɛtene.Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”Obiara fa ɔno ara ɛkwan sote sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.

ASCB: 7ASCB

Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiemnim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,na aturukuku, asomfena ne anyankukuhunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,nanso me nkurɔfoɔ nnimdeɛ Awurade hwehwɛ.

ASCB: 8ASCB

“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔde atorɔ adanedane mu?

ASCB: 9ASCB

Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?

ASCB: 10ASCB

Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.

ASCB: 11ASCB

Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakurote sɛ deɛ ɛnyɛ hu.Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.

ASCB: 12ASCB

Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?Dabi, wɔn ani nnwu koraa;wɔnnim fɛreɛ mpo.Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 13ASCB

“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,deɛ Awurade seɛ nie.Aba biara remma bobe nnua no so.Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,ɛso nhahan bɛdwindwan.Deɛ mede ama wɔn nowɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”

ASCB: 14ASCB

Adɛn enti na yɛtete ha?Mommoaboa mo ho ano!Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ muna yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔna wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.

ASCB: 15ASCB

Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛnanso biribi pa biara amfiri mu amma,yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwannanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

ASCB: 16ASCB

Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homeefiri Dan;na wɔn apɔnkɔnini suma asase no nyinaa woso.Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛeasase no ne ɛso nneɛma nyinaa,kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

ASCB: 17ASCB

“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,na wɔbɛkeka mo,”deɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 18ASCB

Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,mʼakoma aboto wɔ me mu.

ASCB: 19ASCB

Tie me nkurɔfoɔ sufrɛa ɛfiri akyirikyiri asase so:“Awurade nni Sion anaa?Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?”“Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”

ASCB: 20ASCB

“Otwa berɛ no atwam,ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,na wɔnnyee yɛn nkwa.”

ASCB: 21ASCB

Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.

ASCB: 22ASCB

Aduro bi nni Gilead anaa?Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔmma me nkurɔfoɔ apirakuro?