Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so,monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,monhwehwɛ adwaberem nyinaa.Sɛ mohunu onipa baako mpo aɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a,mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.

ASCB: 2ASCB

Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’nanso wɔda so ka ntam hunu.”

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, wopɛ nokorɛ entiwobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara;wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ.Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔna wɔpoo ahunu.

ASCB: 4ASCB

Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no;wɔyɛ nkwaseafoɔ nso,ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan,deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.

ASCB: 5ASCB

Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛnakɔkasa akyerɛ wɔn;ampa ara wɔnim Awurade akwandeɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua noatete nkyehoma no mu.

ASCB: 6ASCB

Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so,pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu.Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkurona obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete,ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ denna wɔn akyirisane aboro so.

ASCB: 7ASCB

“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?Mo mma apo mewɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa,nanso, wɔbɔɔ adwamamna wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.

ASCB: 8ASCB

Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie,wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.

ASCB: 9ASCB

Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”Sei na Awurade seɛ.“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔɔman a ɛte sei so were anaa?

ASCB: 10ASCB

“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,nanso monnsɛe no koraa.Mompempan ne mman no,ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.

ASCB: 11ASCB

Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔanni me nokorɛ koraa,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 12ASCB

Wɔadi atorɔ afa Awurade ho,wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee!Ɔhaw biara remma yɛn so;yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da.

ASCB: 13ASCB

Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛna asɛm no nte wɔn mu;enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”

ASCB: 14ASCB

Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:“Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti,mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogyana saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.

ASCB: 15ASCB

Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,nnipa a monnim wɔn kasa,na monnte wɔn kasa ase.

ASCB: 16ASCB

Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ;wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.

ASCB: 17ASCB

Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.Wɔde akofena bɛsɛenkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.

ASCB: 18ASCB

“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora.

ASCB: 19ASCB

Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’

ASCB: 20ASCB

“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔna mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ:

ASCB: 21ASCB

Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,mowɔ ani nso monhunu adeɛ,na mowɔ aso nso monte asɛm:

ASCB: 22ASCB

Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.

ASCB: 23ASCB

Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma;wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.

ASCB: 24ASCB

Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ,‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn,a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu,deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’

ASCB: 25ASCB

Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;mo bɔne ama adepa abɔ mo.

ASCB: 26ASCB

“Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mua wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie,na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa.

ASCB: 27ASCB

Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma nosaa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma;wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.

ASCB: 28ASCB

Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra.Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ;wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem,na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban.

ASCB: 29ASCB

Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?”Sei na Awurade seɛ.“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔɔman a ɛte sei so were anaa?

ASCB: 30ASCB

“Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirieasi wɔ asase no so:

ASCB: 31ASCB

Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ,asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi,na me nkurɔfoɔ no pɛ no saa ara.Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?”