Scripture
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 4
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 4 Bible text
“Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,sane bra me nkyɛn,”sei na Awurade seɛ.“Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani sona sɛ woammane bio,
na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee muwoka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ aafei mobɛyɛ nhyira ama aman nona ne mu na wɔbɛnya animuonyam.”
Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:“Monsiesie mo asase a wɔmfuntum dana monnnua wɔ nkasɛɛ mu.
Montwitwa mo ho twetia mma Awurademontwitwa mo akoma twetia,mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya.Mo bɔne a moayɛ enti,ɛbɛhye a obiara rennum.”
“Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ,‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’Team denden sɛ:‘Mommoaboa mo ho ano!Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’
Momma frankaa so na monkɔ Sionmonnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.”
Gyata bi afiri ne tu mu;ɔbɔaman bi asi mu.Wafiri ne tenabeasɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.Wo nkuro bɛbubuna ada mpan.
Enti fira ayitoma,di awerɛhoɔ na twa adwo,ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ nonnane mfirii yɛn so.
“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,asɔfoɔ no bo bɛtu,na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.”
Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.”
Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ;
Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum,ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa,nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ.Yɛnnue! Yɛawu!
Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn?
“Monka yei nkyerɛ aman no,mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ,‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn.
Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo,ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ”sei na Awurade seɛ.
Ao mʼahoyera, mʼahoyera!Mede ɔyea nukanuka me mu.Ao mʼakoma ɔyeadie!Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu,mentumi nyɛ komm.Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;mate ɔko frɛ no.
Amanehunu di amanehunu akyi;asase no nyinaa asɛe.Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ,ne me hintabea mpofirim.
“Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;wɔnnim me.Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;wɔnte hwee ase.Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.”
Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatamna ne nkuro nyinaa asɛewɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim.
Enti asase bɛdi awerɛhoɔna ɔsorosoro bɛduru sum,ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan.Masi gyinaeɛ na mennane no.”
Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛma kuro biara sofoɔ dwane.Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ muebinom foro kɔ abotan mu.Nkuro no nyinaa so ada mpan;na obiara nte so.
Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ?Adɛn na wofira kɔbende sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho?Adɛn na wode nnuro keka wʼani?Wohyehyɛ wo ho kwa.Wʼadɔfoɔ bu wo animtia;wɔrepɛ wo akum wo.
Mete osu bi te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,mete apinisie te sɛ ɔbaa a ɔrebɔne awoɔ,Ɔbabaa Sion su te sɛ deɛ nisupɔporɔ ahini no,ɔtrɛ ne nsa mu na ɔka sɛ,“Afei deɛ, meretɔ baha;wɔde me kra ama awudifoɔ.”