Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!Monnwane mfiri Yerusalem!Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa!Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam,ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.

ASCB: 2ASCB

Mɛsɛe Ɔbabaa Sionɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no.

ASCB: 3ASCB

Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ;wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyiana wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

ASCB: 4ASCB

“Monsiesie mo ho ne no nkɔko!Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ!Nanso, hwɛ, onwunu redwo,na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.

ASCB: 5ASCB

Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwona yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!”

ASCB: 6ASCB

Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:“Montwitwa nnua no ngu famna monsisi epie ntia Yerusalem.Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.

ASCB: 7ASCB

Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no,saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ.Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu;ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.

ASCB: 8ASCB

Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem,anyɛ saa a metwe me ho afiri wo hona mama wʼasase ada mpana obiara ntumi ntena soɔ.”

ASCB: 9ASCB

Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:“Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yiesɛdeɛ wɔyiyi bobe mu;fa wo nsa fa mman no so bio,sɛ obi a ɔretete bobe aba.”

ASCB: 10ASCB

Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?Hwan na ɔbɛtie me?Wɔn aso asisienti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔnna wɔn ani nnye ho.

ASCB: 11ASCB

Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma,na mentumi nkora so.“Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene sone mmaranteɛ a wɔahyia;ɛbɛka okunu ne ɔyere,mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.

ASCB: 12ASCB

Sɛ metene me nsawɔ wɔn a wɔte asase no so awɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ,na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 13ASCB

“Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.

ASCB: 14ASCB

Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakurote sɛ deɛ ɛnyɛ hu.Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.

ASCB: 15ASCB

Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?Dabi, wɔn ani nnwu koraa;wɔnnim fɛreɛ mpo.Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;wɔbɛhwehwe ase,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 16ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ,“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;mommisa tete akwan no,mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,na mobɛnya homeɛ ama mo akra.Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’

ASCB: 17ASCB

Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’

ASCB: 18ASCB

Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;monhwɛ, Ao adansefoɔ,deɛ ɛbɛto wɔn.

ASCB: 19ASCB

Yɛ aso, Ao asase:Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,wɔn nneyɛɛ so aba,ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛmna wɔapo me mmara.

ASCB: 20ASCB

Nnuhwam a ɛfiri Sebaanaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu;wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”

ASCB: 21ASCB

Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie:“Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim.Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so;ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”

ASCB: 22ASCB

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:“Monhwɛ, akodɔm bi reba,wɔfiri atifi fam asase so;wɔrekanyane ɔman kɛseɛ biafiri nsase ano.

ASCB: 23ASCB

Wɔkurakura bɛmma ne pea;wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”

ASCB: 24ASCB

Yɛate wɔn ho nsɛm,na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu.Ehu akyekyere yɛnɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

ASCB: 25ASCB

Mfiri adi nkɔ wiramna nnante akwan no so,ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena,na baabiara ayɛ hu.

ASCB: 26ASCB

Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitomana mommunimuni nsõ mu.Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔsɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ nobɛba yɛn so.

ASCB: 27ASCB

“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛna me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,a wobɛhwɛ wɔnna woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

ASCB: 28ASCB

Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den,wɔnenam di nsekuro.Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ;wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.

ASCB: 29ASCB

Afa no bɔ mframa dendende ogya nane sumpii no,nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa.Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.

ASCB: 30ASCB

Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”