Scripture
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 47
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 47 Bible text
Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
Sei na Awurade seɛ:“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteateam;wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo
ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Na ɛda no abasɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaana wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔre mum.Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,mobɛsu akɔsi da bɛn?