Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 48

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 48 Bible text

ASCB: 1ASCB

Asɛm a ɛfa Moab ho no nie:Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.

ASCB: 2ASCB

Wɔrenkamfo Moab bio;Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ;‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;akofena no bɛtaa mo.

ASCB: 3ASCB

Montie osu a ɛfiri Horonaim,adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.

ASCB: 4ASCB

Wɔbɛbɔ Moab:na ne mma nketewa bɛteateam.

ASCB: 5ASCB

Wɔforo kɔ Luhit,wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ;ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so nowɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.

ASCB: 6ASCB

Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so.

ASCB: 7ASCB

Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,mo nso wɔbɛfa mo nnommum,na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.

ASCB: 8ASCB

Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,na emu biara renya ne ho ntete.Wɔbɛsɛe bɔnhwa nona wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,ɛfiri sɛ Awurade akasa.

ASCB: 9ASCB

Momfa nkyene nhyɛ Moab,ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;ne nkuro bɛda mpan aobiara rentena soɔ.

ASCB: 10ASCB

“Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!

ASCB: 11ASCB

“Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,te sɛ nsã ase puo a ataa dinna wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara,na ne ho hwa nsesa.

ASCB: 12ASCB

Nanso, nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,“a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,na wɔbɛhwie no agu;wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hweena wɔabobɔ ne nkuruwa.

ASCB: 13ASCB

Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,sɛdeɛ Israel efie anim guu aseɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.

ASCB: 14ASCB

“Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima,mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?

ASCB: 15ASCB

Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,”deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.

ASCB: 16ASCB

“Moab asehweɛ abɛn;nʼamanehunu bɛba ntɛm.

ASCB: 17ASCB

Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa,ne mo a monim ne din nyinaa;monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi?Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’

ASCB: 18ASCB

“Firi wʼanimuonyam mu,na bɛtena asase wesee no so,wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab nobɛtu aba wo so;abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.

ASCB: 19ASCB

Gyina kwankyɛn na hwɛ,wo a wote Aroer.Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’

ASCB: 20ASCB

Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa;montwa adwo na monteateam!Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛwɔasɛe Moab.

ASCB: 21ASCB

Atemmuo aba bepɔ tamaa sowɔ Holon, Yahas ne Mefaat,

ASCB: 22ASCB

Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim

ASCB: 23ASCB

ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon

ASCB: 24ASCB

ne Keriot ne Bosrawɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.

ASCB: 25ASCB

Wɔatwa Moab abɛn;na ne basa abu,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 26ASCB

“Momma no mmoro nsã,ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia.Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;momma no nyɛ fɛdideɛ.

ASCB: 27ASCB

Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,a enti mowoso mo ti animtiabuo soɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?

ASCB: 28ASCB

Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,mo a motete Moab.Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuowɔ ɔbodan ano.

ASCB: 29ASCB

“Yɛate Moab ahantan nonʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;nʼahantan ne nʼahomasoɔ,ne nʼakoma mu ahohoahoa.

ASCB: 30ASCB

Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ɔseɛ,“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.

ASCB: 31ASCB

Enti metwa adwo ma Moab,mesu team ma Moabfoɔ nyinaa,medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

ASCB: 32ASCB

Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,Ao Sibma bobe.Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;kɔduruu Yaser ɛpo ho.Ɔsɛefoɔ no abɛgumo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.

ASCB: 33ASCB

Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiriMoab nnuaba nturo ne mfuo so.Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ,nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.

ASCB: 34ASCB

“Wɔn su ano den gyegye firiHesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.

ASCB: 35ASCB

Moab hɔ no,mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwama wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 36ASCB

“Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.

ASCB: 37ASCB

Wɔabɔ etire biara tikwana wɔayi abɔgyesɛ biara;nsa nyinaa ho ayɛ akamakamna ayitoma sisi obiara asene.

ASCB: 38ASCB

Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifine ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa,biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ,ɛfiri sɛ mabubu Moabayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 39ASCB

“Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!Moab ayɛ fɛdideɛne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”

ASCB: 40ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so.

ASCB: 41ASCB

Wɔbɛfa Keriot nnommumna wafa nʼaban denden no.Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akomabɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.

ASCB: 42ASCB

Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia.

ASCB: 43ASCB

Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,Ao Moabfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 44ASCB

“Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu nobɛtɔ nkomena mu,deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,afidie bɛyi no;na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 45ASCB

“Hesbon nwunu asena adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;ɛhye Moabfoɔ moma,ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.

ASCB: 46ASCB

Nnome nka wo Ao, Moab!Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa muna wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.

ASCB: 47ASCB

“Nanso mede Moab adenya bɛsane ama nowɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ɔseɛ.Moab atemmuo no awieeɛ nie.