Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 46

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 46 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.

ASCB: 2ASCB

Deɛ ɛfa Misraim ho no nie:Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no:

ASCB: 3ASCB

“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa,na montu ntene nkɔ ɔsa!

ASCB: 4ASCB

Monsiesie apɔnkɔ no,na momforo ntenatena wɔn so.Monyinagyina mo afaa mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo!Monse mo mpea ano,na monhyɛ mo nkataboɔ.

ASCB: 5ASCB

Ɛdeɛn na mehunu?Wɔabɔ hu,wɔresane wɔn akyi,wɔn nnɔmmarima adi nkoguo.Wɔdwane ntɛm soa wɔnnhwɛ wɔn akyi,na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 6ASCB

Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane,na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara.Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate howɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.

ASCB: 7ASCB

“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?

ASCB: 8ASCB

Misraim ma ne homene so sɛ Nil,sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ.Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so;mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’

ASCB: 9ASCB

Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ!Montu ntene, Ao nnɔmmarima,Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm,Lidia mmarima a moto agyan.

ASCB: 10ASCB

Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ.Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee,akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano.Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛwɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.

ASCB: 11ASCB

“Foro kɔ Gilead kɔgye aduroAo, Misraim Babaa Babunu.Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa,ayaresa biara nni hɔ ma wo.

ASCB: 12ASCB

Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma.Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so;na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”

ASCB: 13ASCB

Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:

ASCB: 14ASCB

“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ,‘Monnyinagyina na monyɛ krado,ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’

ASCB: 15ASCB

Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei?Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.

ASCB: 16ASCB

Wɔbɛsuntisunti atoatoa so;wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyinkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn,na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’

ASCB: 17ASCB

Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ,‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa;nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’

ASCB: 18ASCB

“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene ane din ne Asafo Awurade na ɔseɛ,“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu,anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.

ASCB: 19ASCB

Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,mo a motete Misraim,ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kurona ɛbɛda mpan a obiara rentena so.

ASCB: 20ASCB

“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ,nanso kawere bi firiatifi fam reba ne so.

ASCB: 21ASCB

Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu note sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom,wɔrentumi nnyina wɔn nan so,ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so,ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

ASCB: 22ASCB

Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwaneɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no;wɔde mmonnua bɛba ne sote sɛ mmarima a wɔbu nnua.

ASCB: 23ASCB

Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ,“sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo.Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ,na wɔrentumi nkane wɔn.

ASCB: 24ASCB

Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase,wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”

ASCB: 25ASCB

Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so.

ASCB: 26ASCB

Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 27ASCB

“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ;mma wʼaba mu mmu, Ao Israel.Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri,ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ,na obiara renhunahuna no.

ASCB: 28ASCB

Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ;na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ.“Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa,aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ,nanso merensɛe mo korakora.Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so;meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”