Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 21

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 21 Bible text

ASCB: 1ASCB

Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.”

ASCB: 3ASCB

Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ,

ASCB: 4ASCB

‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.

ASCB: 5ASCB

Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu.

ASCB: 6ASCB

Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn.

ASCB: 7ASCB

Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’

ASCB: 8ASCB

“Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim.

ASCB: 9ASCB

Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.

ASCB: 10ASCB

Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’

ASCB: 11ASCB

“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm;

ASCB: 12ASCB

Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:“ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara;monnye deɛ wɔabɔ no korɔno nomfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogyaɛsiane bɔne a moayɛ enti,ɛbɛhye a obiara rennum no.

ASCB: 13ASCB

Me ne mo anya, YerusalemMo a mote bɔnhwa yi atifiabotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ,mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn?Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?”

ASCB: 14ASCB

Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ.Mɛto mo kwaeɛ mu ogya,a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”