Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 20

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 20 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,

ASCB: 2ASCB

ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ.

ASCB: 3ASCB

Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.

ASCB: 4ASCB

Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn.

ASCB: 5ASCB

Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia.

ASCB: 6ASCB

Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ”

ASCB: 7ASCB

Ao, Awurade, woadaadaa me;na mapene so ama woadaadaa.Wɔtwee me da mu nyinaa;na obiara sere me.

ASCB: 8ASCB

Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteampae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ.Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopaabrɛ me da mu nyinaa.

ASCB: 9ASCB

Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne dinanaa merenkasa wɔ ne din mu” a,nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.Mede ahyɛ me mu abrɛnokorɛm, merentumi.

ASCB: 10ASCB

Mete asomusɛm bebree sɛ,“Ehu wɔ baabiara!Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”Me nnamfonom nyinaaretwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ,“Ebia wɔbɛdaadaa no;na yɛatumiatɔ ne so were.”

ASCB: 11ASCB

Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima;enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina.Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa;wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.

ASCB: 12ASCB

Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛna wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu,ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.

ASCB: 13ASCB

Monto dwom mma Awurade!Monyi Awurade ayɛ!Ɔgye ohiani nkwa firiamumuyɛfoɔ nsam.

ASCB: 14ASCB

Nnome nka da a wɔwoo me!Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.

ASCB: 15ASCB

Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ,“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”

ASCB: 16ASCB

Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no.Ma ɔnte osu anɔpa,ne ɔko owigyinaeɛ.

ASCB: 17ASCB

Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa muamma me maame anyɛ damena amma me.

ASCB: 18ASCB

Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛbɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔna mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?