Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi:

ASCB: 2ASCB

‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu.

ASCB: 3ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha.

ASCB: 4ASCB

Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

ASCB: 5ASCB

Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”

ASCB: 6ASCB

Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gileadna wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,sɛ nkuro a obiara nte mu.

ASCB: 7ASCB

Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,obiara ne nʼakodeɛ,wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no muna wɔato agu ogya no mu.

ASCB: 8ASCB

“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’

ASCB: 9ASCB

Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”

ASCB: 10ASCB

Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyina ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.

ASCB: 11ASCB

Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio.

ASCB: 12ASCB

Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”

ASCB: 13ASCB

“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,na ɔde nsisie si nʼabansoro.Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa,na ɔntua wɔn apaadie so ka.

ASCB: 14ASCB

Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me hodeɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu;ɔde ntweneduro dura muna ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

ASCB: 15ASCB

“Wowɔ ntweneduro bebree ana ɛma woyɛ ɔhene anaa?Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,enti ɛsii no yie.

ASCB: 16ASCB

Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,enti biribiara yɛɛ yie maa no.Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 17ASCB

“Mo ani ne mo akomawɔ mfasoɔ bɔne nko ara so,sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guona moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”

ASCB: 18ASCB

Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:“Wɔrensu no sɛ:‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’Wɔrensu no sɛ:‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’

ASCB: 19ASCB

Wɔbɛsie no sɛ afunumu.Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atweneYerusalem apono akyi.”

ASCB: 20ASCB

“Monkɔ Lebanon nkɔ su,momma wɔnte mo nne wɔ Basan;monsu mfiri Abarim,ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.

ASCB: 21ASCB

Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo,nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu;woanyɛ ɔsetie amma me.

ASCB: 22ASCB

Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu aseɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.

ASCB: 23ASCB

Mo a mote Lebanon,na modeda ntweneduro adan mu,ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apenete sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

ASCB: 24ASCB

“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.

ASCB: 25ASCB

Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.

ASCB: 26ASCB

Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.

ASCB: 27ASCB

Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”

ASCB: 28ASCB

Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,adeɛ a obiara mpɛ anaa?Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?

ASCB: 29ASCB

Ao, asase, asase, asase!Tie Awurade asɛm!

ASCB: 30ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba,ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaana nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ,na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa sona wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”