Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 49

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 49 Bible text

ASCB: 1ASCB

Montie me, mo mpoano aman;monyɛ aso mo akyirikyiri amanansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ meɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.

ASCB: 2ASCB

Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam,Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnamna ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.

ASCB: 3ASCB

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ,Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”

ASCB: 4ASCB

Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agumasɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hweenanso mede me ho ato Awurade sona mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”

ASCB: 5ASCB

Na afei, Awurade akasa:deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔna memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛnna me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyamna me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

ASCB: 6ASCB

Ɔka sɛ,“Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”

ASCB: 7ASCB

Sei na Awurade seɛ,Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni node asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:“Ahene bɛhunu wo na wɔasɔreahenemma bɛhunu wo na wɔakoto woɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

ASCB: 8ASCB

Sei na Awurade seɛ:“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;mɛkora wo na mede wo ayɛapam ama nkurɔfoɔ no,de agye asase no asi hɔakyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.

ASCB: 9ASCB

Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’“Wɔbɛdidi wɔ akwan ho.Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.

ASCB: 10ASCB

Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwanna ɔde wɔn akɔ nsutire ho.

ASCB: 11ASCB

Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.

ASCB: 12ASCB

Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛbaebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ famebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”

ASCB: 13ASCB

Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;di ahurisie, Ao asase;monto nnwom, Ao mmepɔ!Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

ASCB: 14ASCB

Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ,Awurade werɛ afiri me.”

ASCB: 15ASCB

“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ anoa ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?Ebia ne werɛ bɛfiri,na me werɛ remfiri wo!

ASCB: 16ASCB

Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yamwʼafasuo wɔ mʼani so daa.

ASCB: 17ASCB

Mo mmammarima resane aba ntɛm so;na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.

ASCB: 18ASCB

Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ,“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo homode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.

ASCB: 19ASCB

“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaamaa mo asase daa mpan deɛ,nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.

ASCB: 20ASCB

Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu nobɛka ama moate sɛ,‘Ɛha sua ma yɛn dodo;momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’

ASCB: 21ASCB

Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ,‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me?Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.Hwan na ɔtetee yeinom?Wɔgyaa me nko arana yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”

ASCB: 22ASCB

Sei na Asafo Awurade seɛ:“Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so abana wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.

ASCB: 23ASCB

Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade;Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”

ASCB: 24ASCB

Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?

ASCB: 25ASCB

Nanso, sei na Awurade seɛ:“Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsamna mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnyana mɛgye mo mma nkwa.

ASCB: 26ASCB

Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.Afei adasamma nyinaa bɛhunusɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”