Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 48

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 48 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔmo a wɔde Israel din frɛ mo,na moyɛ Yuda asefoɔ,mo a mobɔ Awurade din ka ntam,na mofrɛ Israel Onyankopɔn,nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu;

ASCB: 2ASCB

mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mmana mode mo ho to Israel Onyankopɔn so.Asafo Awurade ne ne din.

ASCB: 3ASCB

Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ,mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi;afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.

ASCB: 4ASCB

Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden.Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛna mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

ASCB: 5ASCB

Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada.Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛsɛdeɛ morentumi nka sɛ,‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ:me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’

ASCB: 6ASCB

Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa.Morennye nto mu anaa?“Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo,nneɛma a ahinta a monnim.

ASCB: 7ASCB

Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ;ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da.Enti morentumi nka sɛ,‘Aane na menim dada!’

ASCB: 8ASCB

Wonteeɛ, na wontee aseɛ;ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi.Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ;wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.

ASCB: 9ASCB

Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so;mʼayɛyie enti meyi firii wo so,sɛdeɛ mentwa wo ntwene.

ASCB: 10ASCB

Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho;mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.

ASCB: 11ASCB

Me enti, me enti, na meyɛ yei.Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?Memma obi nnye mʼanimuonyam.”

ASCB: 12ASCB

“Tie me, Ao, Yakob,Israel a mafrɛ no;Me ne no;Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

ASCB: 13ASCB

Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem,na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu;sɛ mefrɛ wɔn a,wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

ASCB: 14ASCB

“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie:ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa nobɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu;ne basa bɛtia Babiloniafoɔ.

ASCB: 15ASCB

Me, me na makasa;aane, mafrɛ no.Mede no bɛba,na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so.

ASCB: 16ASCB

“Montwe mmɛn me na montie yei:“Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam;ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.”Na afei Asafo Awuradede ne Honhom asoma me.

ASCB: 17ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ,mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no:“Mene Awurade mo Onyankopɔn,deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo,na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ.

ASCB: 18ASCB

Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a,anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten,na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.

ASCB: 19ASCB

Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea,na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane;wɔn din rempepa da.Wɔrensɛe mfiri mʼanim.”

ASCB: 20ASCB

Momfiri Babilonia,monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn!Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛna mo mpae mu nka yei.Momfa nkɔ nsase ano;monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.”

ASCB: 21ASCB

Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no,ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn;ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.

ASCB: 22ASCB

“Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na Awurade seɛ.