Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 50

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 50 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sei na Awurade seɛ:“Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwomaa megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he?Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwanna metɔn wo maa noɔ?Wo bɔne enti na wɔtɔn wo;Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.

ASCB: 2ASCB

Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ?Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ?Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa?Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa?Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we,medane nsubɔntene anweatamemu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya entina osukɔm kumm wɔn.

ASCB: 3ASCB

Mede esum fira ɔsorona mema ayitoma yɛ ne nkataho.”

ASCB: 4ASCB

Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛmasɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den.Ɔnyane me anɔpa biara,na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

ASCB: 5ASCB

Otumfoɔ Awurade abue mʼasona menyɛɛ otuatefoɔ;na mensanee mʼakyi.

ASCB: 6ASCB

Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ.Mamfa mʼanim ansie wɔnfɛdie ne ntasuteɛ ho.

ASCB: 7ASCB

Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti,wɔrengu mʼanim ase.Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ,na menim sɛ mʼanim rengu ase.

ASCB: 8ASCB

Deɛ ɔbu me bem no abɛn.Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu?Ɔmmra na yɛnhyia mu!Hwan na ɔbɔ me soboɔ?Ma ɔnka nsi mʼanim!

ASCB: 9ASCB

Asafo Awurade na ɔboa me.Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ?Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ;nnweweboaa bɛwe wɔn.

ASCB: 10ASCB

Mo mu hwan na ɔsuro Awurade,na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so?Ma deɛ ɔnam esum mu,deɛ ɔnni hann no,ɔnnye Awurade din nnina ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.

ASCB: 11ASCB

Na afei, monhwɛ yie, mo a monantemo ankasa hann mu,mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye,Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu;mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu.