Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 47

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 47 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Siane kɔ, tena mfuturo mu,Ɔbabaa bunu Babilonia;tena fam. Worentena ahennwa so bio,Ɔbabaa Babiloniafoɔ.Wɔremfrɛ wo bio sɛ,ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.

ASCB: 2ASCB

Fa owiyammoɔ na yam esiam;yi wo nkatanimu no.Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,na fa nsuwansuwa no mu.

ASCB: 3ASCB

Wʼadagya bɛda adina wʼanimguaseɛ so renkata.Mɛtɔ were;memfa obiara ho nkyɛ no.”

ASCB: 4ASCB

Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din,ɔno ne Israel Kronkronni.

ASCB: 5ASCB

“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu,Ɔbabaa Babilonia;wɔremfrɛ wo bio sɛahennie ahodoɔ so hemaa.

ASCB: 6ASCB

Me bo fuu me nkurɔfoɔ,na meguu mʼagyapadeɛ ho fi;mede wɔn hyɛɛ wo nsa,na woanhunu wɔn mmɔbɔ.Nkɔkoraa koraa mpowosoaa wɔn kɔnnua duruduru.

ASCB: 7ASCB

Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa,ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’Nanso woannwene saa nneɛma yi hona woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.

ASCB: 8ASCB

“Afei tie, wo odwamanfoɔ,woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ muna woka kyerɛ wo ho sɛ,‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.Merenyɛ okunafoɔ dana merenni abawuo.’

ASCB: 9ASCB

Saa nneɛma mmienu yi bɛto woprɛko pɛ, dakoro pɛ:abawuo ne kunayɛ.Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,wʼabayisɛm bebrebe yine ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.

ASCB: 10ASCB

Wode wo ho ato wʼamumuyɛ sona waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwanɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ,‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

ASCB: 11ASCB

Amanehunu bɛto wo,na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ.Ɔhaw bi bɛba wo soa worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ;atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wobɛba wo so mpofirim.

ASCB: 12ASCB

“Kɔ so yɛ wo ntafowayiene wʼabayisɛm bebrebea wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no.Ebia wobɛdi nkonim,ebia wode ehu bɛba.

ASCB: 13ASCB

Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu!Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim,wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no,ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.

ASCB: 14ASCB

Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia;ogya bɛhye wɔn.Na wɔntumi nnye wɔn ankasa homfiri egyadɛreɛ ano den no ho.Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye;ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.

ASCB: 15ASCB

Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no,yeinom na wo ne wɔn abrɛna wo ne wɔn anante firi mmɔfraase.Wɔn mu biara afa ne kwan;ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.