Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 46

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 46 Bible text

ASCB: 1ASCB

Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu;mfunumu soa wɔn ahoni.Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru,ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.

ASCB: 2ASCB

Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase;wɔntumi nsi amanehunu ano,wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

ASCB: 3ASCB

“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ,mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa,mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu,na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

ASCB: 4ASCB

Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu,Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu.Mabɔ mo na mɛturu mo;mɛwowa mo na mɛgye mo.

ASCB: 5ASCB

“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso?Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

ASCB: 6ASCB

Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ muna wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi,na wɔkoto sɔre no.

ASCB: 7ASCB

Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so,wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara.Ɛrentumi mfiri faako a esie.Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua;ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.

ASCB: 8ASCB

“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim,monnwene ho mo atuatefoɔ.

ASCB: 9ASCB

Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

ASCB: 10ASCB

Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

ASCB: 11ASCB

Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

ASCB: 12ASCB

Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ,mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;

ASCB: 13ASCB

Mede me tenenee repinkyɛ,ɛnni akyirikyiri;na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre.Mɛma Sion nkwagyeɛ,na mede mʼanimuonyam ama Israel.