Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 43
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 43 Bible text
Na afei, sei na Awurade seɛ,deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakobdeɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel;“Nsuro na magye wo;mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
Sɛ wofa nsuo mu a,mɛka wo ho;na sɛ wotwa nsubɔntene no a,ɛremmu mfa wo so.Sɛ wonante ogya no mu a,worenhye;ogyaframa no renhye wo.
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.Mede Misraim yɛ mpata ma wona mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.
Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanimna medɔ wo enti,mede nnipa bɛsesa wo,na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.
Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho;mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam abana maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.
Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmrana me mmammaa mfiri asase ano mmra,
obiara a me din da no so,deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam,deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”
Aman no nyinaa boa wɔn ho anona nnipa no hyia mu.Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛna ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem,sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”
“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,”sei na Awurade seɛ,“sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adiena moate aseɛ sɛ me ne no.Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,na mʼakyi nso obiara remma.
Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
Aane, na ɛfiri teteete no mene no.Obiara rentumi nye mfiri me nsa musɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”
Sei na Awurade seɛ,wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa,na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio;wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma:
Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ!Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa?Merebɔ ɛkwan afa anweatam sona mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.
Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam,adompo ne apatuo,ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam sone nsuwansuwa wɔ asase wesee sode ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo,
Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ,na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso.Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoana memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo.
Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me,na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so.Mmom, mode mo bɔne asoa mena mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.
Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me,momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho;ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.
Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase,na mede Yakob ama ɔsɛeɛ,na mede Israel ama ahɔhora.