Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 42
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 42 Bible text
“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie,deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani;mede me Honhom bɛgu no sona ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu.Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum.Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi;
ɔrenhinhim na nʼabamu remmukɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so.Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”
Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ,deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa,deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome,na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa:
“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu;mɛsɔ wo nsa.Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛapam ama nkurɔfoɔ none kanea ama amanamanmufoɔ,
na woabue ani a afira,na woayi nneduafoɔ afiri afiasena woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.
Hwɛ, nneɛma dada no atwam,na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;ansa na ɛbɛba mu nomeka kyerɛ mo.”
Monto dwom foforɔ mma Awurade!Nʼayɛyie mfiri asase ano,mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so;ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho.Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom;ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!
Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie,te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛna ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.
“Mayɛ komm akyɛre,mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no,meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so.
Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ nona mahye ɛso afifideɛ nyinaa.Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ,na mama atadeɛ awewe.
Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so,akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom.Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ;merennya wɔn mu.
Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”
Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi,wɔn nyinaa aka amena muanaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu.Wɔayɛ wɔn afodeɛna wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn;wɔayɛ wɔn korɔnodeɛna wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.”
Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ,na ɔde Israel maa afomfoɔ?Ɛnyɛ Awurade ayɛayɛ bɔne atia no no?Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so;na wɔanni ne mmara so.
Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,akodie mu basabasayɛ.Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ.Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.