Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 44

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 44 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ,Israel, deɛ mapa no.

ASCB: 2ASCB

Sei na Awurade seɛ,deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,ɔno na ɔbɛboa wo:Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ,Yeshurun, a mapa noɔ.

ASCB: 3ASCB

Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,ne asutene wɔ asase kesee so;mɛhwie me Honhom agu wo mma so,ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.

ASCB: 4ASCB

Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea,te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho.

ASCB: 5ASCB

Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’;ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob;bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’na wafa edin Israel.

ASCB: 6ASCB

“Sei na AwuradeIsraelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ:Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ;Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.

ASCB: 7ASCB

Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanimdeɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ,ne deɛ ɛrebɛba,aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm.

ASCB: 8ASCB

Mommma mo ho mpopo, monnsuro.Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa?Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa?Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.”

ASCB: 9ASCB

Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.

ASCB: 10ASCB

Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,a ne ho mma no mfasoɔ biara?

ASCB: 11ASCB

Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase;adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa.Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.

ASCB: 12ASCB

Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛɔde hyehyɛ egyasramma mu;ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni,ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ;ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ;ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.

ASCB: 13ASCB

Duadwumfoɔ de ahoma susuna ɔde twerɛdua sensane;na ɔde fitiɛ yiyi hoafei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ.Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu,sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu.

ASCB: 14ASCB

Ɔtwitwaa ntweneduro,anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum.Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu,anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ.

ASCB: 15ASCB

Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya;ɔde ebi ka ne ho hye,ɔde bi sɔ ogya to burodo.Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no;ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.

ASCB: 16ASCB

Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;ɛso na ɔnoa nʼaduane,ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ,Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.

ASCB: 17ASCB

Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi;ɔkoto no na ɔsɔre no.Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ,“Gye me; wone me nyame.”

ASCB: 18ASCB

Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.

ASCB: 19ASCB

Obiara nna nnwene ho,obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ,“Mede ɛfa sɔɔ ogya;na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so;metotoo nam wɔ so weeɛ.Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa?Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?”

ASCB: 20ASCB

Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ,“Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”

ASCB: 21ASCB

“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob,ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel.Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ;Ao Israel, me werɛ remfiri wo.

ASCB: 22ASCB

Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo.Sane bra me nkyɛn,ɛfiri sɛ magye wo.”

ASCB: 23ASCB

Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro,na Awurade na wayɛ yei.Mommɔ ose, Ao, asase ase.Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ,mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa,na Awurade agye Yakob,wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.

ASCB: 24ASCB

“Sei na Awurade seɛ,wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no:“Mene Awurade,deɛ wayɛ nneɛma nyinaa,deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mudeɛ ɔno nko ara twee asase mu,

ASCB: 25ASCB

deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛna ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guona ɔdane no nkwaseasɛm,

ASCB: 26ASCB

deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mudeɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma,“deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’

ASCB: 27ASCB

deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We,na mɛma wo asutene awewe,’

ASCB: 28ASCB

deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔna ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ;ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,”na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”