Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 34
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 34 Bible text
Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie;monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ!Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie,ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa!
Awurade bo afu amanaman no;nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa.Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyerana wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ;ɔsoro atumfoɔ bɛhwe asesɛdeɛ nhahan te firi bobe so,sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.
Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro;hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so,wɔn a masɛe wɔn koraa no.
Mogya adware Awurade akofena ho,wɔde sradeɛ asra ho,nnwammaa ne mpɔnkye mogya,nnwennini sawa mu sradeɛ. Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosrane okum kɛseɛ wɔ Edom.
Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ,anantwinini nketewa ne akɛseɛ.Mogya bɛfɔ wɔn asase no,na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.
Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea,ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛrenʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre!
Ɛrennum awia anaa anadwo;ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da.Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ;obiara remfa ho bio koraa.
Anweatam so patuo ne ɔbonsamnomabɛgye hɔ afa;ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ.Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahomawɔ Edom so,ɔde bɛsɛe ɔman no.
Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie,nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa,nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ.Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo,ne apatuo tenabea.
Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra,mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho;ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdedana wɔde ayɛ wɔn homebea.
Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua.Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,obiara ne deɛ ɔka ne ho.
Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan:Yeinom mu biara renyera,obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho.Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie,na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn;ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔna wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.