Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 33
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 33 Bible text
Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria,wo a wɔnnsɛee woɔ!Due, Ao ɔfatwafoɔ,wo a wɔnnii wo hwammɔ!Sɛ wowie ade sɛe a,wɔbɛsɛe wo;sɛ wowie hwammɔdie a,wɔbɛdi wo hwammɔ.
Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ;yɛn ani da wo so.Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu.
Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so,nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ; Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.
Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so;asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.
Akwantempɔn no so da hɔ kwa,akwantufoɔ biara nni akwan no so.Wɔabu apam no so;wɔbu nʼadansefoɔ animtiawɔmmu obiara.
Asase no awo wesee na ɛresɛe,Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;Saron ayɛ sɛ Araba,Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.
“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ.“Afei na wɔbɛpagya me;afei na wɔbɛma me so akɔ soro.
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa;ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame:“Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena?Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”
Deɛ ɔnante tenenee muna ɔdi nokorɛdeɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de bana ɔnnye adanmudeɛ,deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔdeɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,
saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ.Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no.Wɔde nʼaduane bɛma nona ne nsuo mmɔ no.
Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho:“Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he?Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he?Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?”
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;mo ani bɛhunu Yerusalem,asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu;wɔrentutu ne mpɛɛwa da,na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.
Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ.Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ.Ahyɛmma a wɔhare remfa so;ahyɛn akɛseɛ rennante so.
Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene;na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.
Wo ntampehoma mu agoenti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie,na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu.Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no muna mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.