Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 35
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 35 Bible text
ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ;ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam.Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no.Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ;wɔbɛhunu Awurade animuonyam,yɛn Onyankopɔn tumi no.
Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,“Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;mo Onyankopɔn bɛba,ɔde aweretɔ bɛba;ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsorobɛba abɛgye mo nkwa.”
Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ,na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam.Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so,na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.
Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ,na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so.Atu a anka sakraman te mu no,ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.
Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ;wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan.Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so;ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so;amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.
Gyata biara rentena hɔ,na nkekaboa biara rensi so;wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ.Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba.Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ.Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ,na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.