Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 32
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 32 Bible text
Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabeane ahum mu dwanekɔbea,wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam sone ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.
Ɔkwasea ka nkwaseasɛmna ɔdwene bɔne ho:ɔyɛ onyame akyiwadeɛ;ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne;ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduaneɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.
Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛde atorɔ sɛe ohiani,wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.
Mo mmaa a mogye mo ho die,monsɔre na montie me;mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔmonyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!
Afe akyi nna kakra bi nomo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo;bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ,nnuaba no twaberɛ nso remma.
Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!Mompa mo ho ntomana momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.
Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa.Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.
Wɔbɛgya aban no hɔ,na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ,deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,
kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so,na anweatam bɛdane asase bereɛna asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.
Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba;deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.
Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ,afie a wɔabɔ ho banhomebea a ɔhaw biara nni hɔ.
wɔbɛhyira wo,wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.