Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 31

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 31 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die,na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.

ASCB: 2ASCB

Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;ɔnsesa nʼano.Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.

ASCB: 3ASCB

Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom.Sɛ Awurade tene ne nsa a,ɔboafoɔ bɛhwintina deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

ASCB: 4ASCB

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:“Sɛdeɛ gyata pɔ so,sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so noa mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a,wɔn nteateam mmɔ ne huna wɔn hooyɛ nso nha no nosaa ara na Asafo Awurade bɛsianeabɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.

ASCB: 5ASCB

Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem nosaa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”

ASCB: 6ASCB

Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.

ASCB: 7ASCB

Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.

ASCB: 8ASCB

“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano;akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn.Wɔbɛdwane afiri akofena no anona wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

ASCB: 9ASCB

Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti;wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,”sei na Awurade seɛ,deɛ ne ogya wɔ Sion,na ne fononoo si Yerusalem no.