Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 30

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 30 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,”sɛi na Awurade seɛ,“Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma,na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu,na wɔboaboa bɔne ano;

ASCB: 2ASCB

wɔn a wɔkɔ Misraima wɔmmisa me ansa.Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn.Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,

ASCB: 3ASCB

nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo.Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.

ASCB: 4ASCB

Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soanna wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ,

ASCB: 5ASCB

nanso wɔn nyinaa anim bɛgu asennipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti.Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma,na mmom animguaseɛ ne ahohora.”

ASCB: 6ASCB

Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,deɛ agyata ne agyatabereɛ,ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ.Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumune wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so,de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so,

ASCB: 7ASCB

de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.Enti mefrɛ noRahab, deɛ Ɔnka Hwee.

ASCB: 8ASCB

Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔnkrukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ sosɛdeɛ nna a ɛreba no mu noɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

ASCB: 9ASCB

Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.

ASCB: 10ASCB

Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,“Monnhunu mo ani so adeɛ bio!”ne adiyifoɔ no nso sɛ,“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,monhyɛ nnaadaa nkɔm.

ASCB: 11ASCB

Momfiri saa tempɔn yi so,mommane mfiri saa kwan yi hona monnyae Israel Kronkronnia mode no ha yɛn yi!”

ASCB: 12ASCB

Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,na mode mo ho ato nhyɛsoɔne nnaadaa so enti,

ASCB: 13ASCB

saa bɔne yi bɛyɛ sɛɔfasuo tentene bi a ate kam na akyeana ɛbu mpofirim, ama mo.

ASCB: 14ASCB

Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.Ɛbɛyam pasaa aesini koraa renka awɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia muanaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”

ASCB: 15ASCB

Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,nanso, morennya emu biara.

ASCB: 16ASCB

Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’Enti mobɛdwane!Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!

ASCB: 17ASCB

Apem bɛdwaneɔbaako ho hu nti;baanum ho hu entimo nyinaa bɛdwane akɔ,kɔsi sɛ wɔbɛgya mote sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”

ASCB: 18ASCB

Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

ASCB: 19ASCB

Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.

ASCB: 20ASCB

Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.

ASCB: 21ASCB

Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”

ASCB: 22ASCB

Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”

ASCB: 23ASCB

Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ.

ASCB: 24ASCB

Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu.

ASCB: 25ASCB

Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.

ASCB: 26ASCB

Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.

ASCB: 27ASCB

Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba,ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn;abufuo ahyɛ nʼanom ma,na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.

ASCB: 28ASCB

Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm,na ɛforo kɔdeda kɔn mu.Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so;ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwanhyehyɛ nnipa no nnyepi.

ASCB: 29ASCB

Na mobɛto dwomte sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no;mo akoma bɛdi ahurisiete sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn forokɔ Awurade bepɔ no sokɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.

ASCB: 30ASCB

Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresianena ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma,osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.

ASCB: 31ASCB

Awurade nne bɛdwerɛ Asiria;ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.

ASCB: 32ASCB

Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn noɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ.

ASCB: 33ASCB

Wɔasiesie Topet dadaada;wɔayɛ no krado ama ɔhene no.Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebreewɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; Awurade ahome aɛte sɛ sɔfe asutene nobɛsɔ mu ogya.