Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 29

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 29 Bible text

ASCB: 1ASCB

Due wo Ariel,Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.

ASCB: 2ASCB

Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.

ASCB: 3ASCB

Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyiana afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.

ASCB: 4ASCB

Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.

ASCB: 5ASCB

Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.

ASCB: 6ASCB

Asafo Awurade bɛba.Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.

ASCB: 7ASCB

Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,anaa anadwo mu anisoadehunu.

ASCB: 8ASCB

Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ awɔko tia Bepɔ Sion no.

ASCB: 9ASCB

Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,mo ani mfira a monhunu adeɛ;mommoboro a ɛmfiri nsã,montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.

ASCB: 10ASCB

Awurade de nnahɔɔ ato mo so:Wakata mo ani (adiyifoɔ no);wakata mo tiri so (adehufoɔ no).

ASCB: 11ASCB

Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”

ASCB: 12ASCB

Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”

ASCB: 13ASCB

Awurade ka sɛ,“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn mena wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,nanso wɔn akoma mmɛn me.Som a wɔsom me noyɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.

ASCB: 14ASCB

Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”

ASCB: 15ASCB

Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛwɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”

ASCB: 16ASCB

Mosisi nneɛma tiri ase.Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,“Wo na woyɛɛ me anaa”?Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ“Ɔnnim hwee anaa”?

ASCB: 17ASCB

Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛna asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.

ASCB: 18ASCB

Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no muna kusuuyɛ ne esum mu mpoonifirani ani bɛhunu adeɛ.

ASCB: 19ASCB

Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio;ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.

ASCB: 20ASCB

Atutupɛfoɔ bɛyera,wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.

ASCB: 21ASCB

Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛna wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.

ASCB: 22ASCB

Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa noka kyerɛ Yakob fiefoɔ:Yakob anim renguase bio;wɔn anim rento hoa bio.

ASCB: 23ASCB

Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu,wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a,wɔbɛyɛ me din no kronkron;wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.

ASCB: 24ASCB

Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ;wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.