Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 3
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 3 Bible text
Afei hwɛ, Awurade,Asafo Awurade,rebɛgyae deɛ ɔde mawɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.
aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ,ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ.
Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko.Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ,apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.
Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako muwɔ nʼagya efie aka sɛ,“Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ;wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.”
Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ,“Menni deɛ mede bɛyɛ.Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie;mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”
Yerusalem retɔ ntintan,Yuda rehwe ase;wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade.Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.
Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn;wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;wɔmmfa nsie.Nnome nka wɔn!Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so,mmaa di wɔn so.Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera;wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.
Awurade bu atɛnde tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ,“Mo na moasɛe me bobe turo;apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.
Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔna mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Awurade kasa sɛ,“Sion mmammaa yɛ ahantan;wɔnante toto wɔn kɔn,wɔdeda wɔn ani akyi,wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa,na wɔn nan ase nkawa gyegye.
Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu;ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu;tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu;ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu;honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.