Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 2 Bible text
Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtimsɛ mmepɔ no nyinaa ti;ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa sona aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwansɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”Mmara no bɛfiri Sion abana Awurade asɛm afiri Yerusalem.
Ɔbɛbu amanaman ntam atɛnna ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔna wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,Yakob fiefoɔ.Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔna wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
Kɔhyɛne abotan no mu,fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
Asafo Awurade ahyɛ da biama ahomasofoɔ nyinaane deɛ ɛma ne ho so nyinaa(wɔbɛbrɛ wɔn ase),
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mune ntokuro a ɛdeda asase muɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
Saa ɛda no, nnipa bɛtowɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahonia wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom noagu ama akusie ne mpan.
Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mune abotan mpaapaeɛ muɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.