Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Saa ɛda no, mmaa baasonbɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ,“Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhomana yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ;ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.Yi ahohora firi yɛn so!”

ASCB: 2ASCB

Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no.

ASCB: 3ASCB

Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa.

ASCB: 4ASCB

Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem.

ASCB: 5ASCB

Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.

ASCB: 6ASCB

Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.